Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #64
Hymn 64 Nyame, Fa Wo Nhyira Pɔn Yɛn
[V1]
Nyame, fa Wo nhyira pɔn yɛn,
Fa dɛw hyɛ yɛn komam' fɔmm;
Ma yɛn mu biara nya Wo dɔ,
Nni nkonim nkwagye dom mu:
O dwudwo yɛn, O dwudwo yɛn,
Yɛretu kwan sar' so yi.
Nyame, fa Wo nhyira pɔn yɛn,
Fa dɛw hyɛ yɛn komam' fɔmm;
Ma yɛn mu biara nya Wo dɔ,
Nni nkonim nkwagye dom mu:
O dwudwo yɛn, O dwudwo yɛn,
Yɛretu kwan sar' so yi.
[V2]
Yɛda W'ase, yɛkamfo Wo,
W'asɛmpa dɛdɛ no nti;
Ma Wo nkwagye ho aba no
Mm'ro so yɛn komam ne 'bram';
Nokware mu, nokware mu
Ma yɛnnante W'asɛm mu.
Yɛda W'ase, yɛkamfo Wo,
W'asɛmpa dɛdɛ no nti;
Ma Wo nkwagye ho aba no
Mm'ro so yɛn komam ne 'bram';
Nokware mu, nokware mu
Ma yɛnnante W'asɛm mu.