Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #39

Hymn 39 Aw'rade, Wobɛte Me Nne

[V1]
Aw'rade, Wobɛte me nne
Anɔpa nnwonto mu;
Na mɛbɔ mpae akyerɛ Wo,
Wo na mehwɛ W'anim.

[V2]

ɔsoro hɔ, nea Kristo kɔ
Kodi ma 'hotefo;
Na ɔde yɛn nnwom ne nsɛm gu
N'Agya 'hengua anim.

[V3]

O, ma Wo Honhom nni m'anim
Wɔ trenee akwan so;
Ma 'sɛde kwan biara ntene
Nyɛ petee wɔ m'anim.

[V4]

Wɔn a wɔdɔ Wo, sųro Wo din
Behu wɔn apɛde;
Onyame Tweaduampɔn de dom
Bɛyɛ kyɛm ama wɔn.

39. Aw'rade, Wobɛte Me Nne

Link copied to clipboard successfully!