Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #38

Hymn 38 Sɔre, Me Kra Sɔre!

[V1]
Sɔre, me kra sɔre!
Twe w' mu kɔ s'ro nneɛma ho,
Na yɛ ntɛm kɔ wo Gyefo Nyame nan ase;
'Nipá ani nhu No de,
ɔte hann nwanwaso mu.
Monsom No 'hobrɛasem'
Na momfre No Wura.

[V2]

Ne dɔ apontow retwɛn mo s'ro hɔ;
ɔma yɛte saa apontow no nka fam ha!
Di dɛw, me kra, di dɛw,
Ma wo nne so kɔ s'ro:
Haleluya, haleluya, haleluya!

[V3]

Afei tie s'ro nsanku!
O, tie nkonimdi dwom no,
Dwom a wonwie to da a egyigye wɔ wim!
Wɔmfa mmaa nnipa sɛ
Wɔnto 'nuonyam dwom sei bi;
Nso yɛbetum' ato y'ayeyi dwom fam ha!

[V4]

Ne mogya tɔɔ yɛn, Nyame aponfo;
ɔno na daa tumi ne nkonim yɛ Ne de.
Momma Amen kɛse n'
Nnyigye wɔ soro bio:
Haleluya, haleluya, haleluya!

Text from Memeneda Akwanhwefo Nnwom · © respective copyright holders · shared for worship use

38. Sɔre, Me Kra Sɔre!

Link copied to clipboard successfully!