Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #36

Hymn 36 O Wo a Me Kra Ho Sɛpɛ No

[V1]
O Wo a me kra ho sɛpɛ no W'anim,
Wo a meba Wo nkyɛn 'hohiam,
M'adekyee mu w'rɛkyekye ne 'nadwo dwom,
M'anidaso ne me nkwagye.

[V2]

Ne nne a ɛyɛ dɛ sɛ dɔn nnyigyei no,
Wɔte wɔ 'wu sunsuma mu;
Lebanon twenn'ro koto Ne nan ase,
Ne home ma mframam' yɛ huam.

[V3]

Trenee fi N'anofafam' sen sɛ nsuti,
De gugu ɔdom nturo so;
'Hɔ na amanaman behu wɔn nkwagye,
Na N'anim s'rew ahy'rɛn wɔn so.

[V4]

ɔhwɛ, na 'bɔfo mpempem di ah'rusi,
Na dɔm kuhaa twɛn tie N'asɛm.
ɔkasa, na Ne nne kanyan daa dwonto,
Nea wɔde kamfo Aw'rade.

36. O Wo a Me Kra Ho Sɛpɛ No

Link copied to clipboard successfully!