Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #26

Hymn 26 Monkamfo Aw'rade, S'rofo

[V1]
Monkamfo Aw'rade, s'rofo;
Munyi N'ayɛ, s'ro 'bɔfo.
'Wia ne 'sram nnė 'h'rusi N'anim,
Munyi N'ayɛ, hann ns'romma,
Munyi N'ayɛ na Wakasa;
Nsase horow tie Ne nne;
Wahyɛ mmara a engu da
Ama wɔn akwankyerɛ.

[V2]

Munyi N'ayɛ N'anuonyam nti,
Ne bɔhyɛ nni huammɔ da;
N'ahotefo yɛ nkonim'fo;
Bɔne ne wu rennyina,
Munyi yɛn Gyefo no ayɛ!
S'rofo nky'rɛ Ne mmaninyɛ;
S'ro, 'sase ne abɔde ny'naa;
Momma Ne din so kɛse.

[V3]

ɔsom, 'nidi, 'nuonyam,nhyira,
W'ra, 'yi ne yɛn akyɛde;
Mmofra ne mpanyin yi W'ayɛ
To anigye nnwom ky'rɛ Wo;
S'ro 'hotefo ny'naa kamfo Wo;
Yɛde yɛn nne bɛtom bi;
Sɛnea 'bɔfo som W'anim no,
Yɛn nso beyi W'ayɛ ha.

26. Monkamfo Aw'rade, S'rofo

Link copied to clipboard successfully!