Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #29

Hymn 29 Monto 'Yeyi Dwom Mma

[V1]
Monto 'yeyi dwom mma s'ro hen',
Abɔde ny'naa Nyame no,
Nyame Tumfo, ɔdɔ Nyame,
Yɛn nkwagye Nyankopɔn no;
ɔma me kra ayaresa,
Na Odum akyinnye biara;
Ayeyi ny'naa nka Nyame!

[V2]

Nea Nyame tumi ayɛ no,
N'ahummɔb'rɔ bɔ ho ban;
Anɔpab're anaa 'nwumm're
ɔntɔ' nko na ɔnna da;
Ne tumi ahemman no mu,
B'ribiara tene nā ɛyɛ pɛ:
Ayeyi ny'naa nka Nyame!

[V3]

Awurade nni aky'riky'ri;
Yɛn awerɛhow ny'naa mu,
ɔne yɛn mprempren Boafo pa,
Yɛn asomdwoe ne nhyira.
Sɛnea 'baatan yɛ ne mma no,
ɔhwɛ kuw a Wapaw wɔn no;
Ayeyi ny'naa nka Nyame.

[V4]

Afei m'anigye kwan mu no,
Mɛto Wo ayeyi nnwom
Na nnipa ate nnaase a
Mede me nne rema W' yi;
Me koma bɔ 'se 'W'rade mu,
Me kra ne nipadua no ny'naa!
Ayeyi ny'naa nka Nyame!

29. Monto 'Yeyi Dwom Mma

Link copied to clipboard successfully!