Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #27

Hymn 27 Mo a Mo Komam Tew

[V1]
Mo a mo komam tew,
Munni dɛw, monto dwom,
Momma frankaa no so wɔ wim,
Kristo asɛnnua no.

**Nnyeso**
Di dɛw! Di dɛw!
Momfa nnaase nto dwom!

[V2]

Momma mo nne so den
Sɛ po 's'rɔkye 'yeyi,
Monto dwom a efi tete,
Tete mm're mu nnwom no.

[V3]

S'ro 'bɔfo nnwontofo,
'Sase so 'hotefo,
Momfa dɛw nto ah'rusi dwom
Nokwar' 'hosɛpɛ mu.

[V4]

ɔbra kwantu yi mu,
Monkɔ so nto dwom daa;
Mmofra, mpanyin, awia, 'nadwo,
'Nigye ne mmusu mu.

[V5]

Munyi s'ro Hen' ayɛ,
W'ra a yɛsom No no;
Agya, ɔba, Honhom Kronkron,
Nyame teasefo no.

27. Mo a Mo Komam Tew

Link copied to clipboard successfully!