Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #25
Hymn 25 Munyi Aw'rade Ayɛ
[V1]
Munyi Aw'rade ayɛ, Haleluya!
'Hotefō a mowɔ fam ha, Haleluya!
S'ro 'hengua ho abɔfo, Haleluya!
Wɔn a wonim Ne dɔ no, Haleluya!
Munyi Aw'rade ayɛ, Haleluya!
'Hotefō a mowɔ fam ha, Haleluya!
S'ro 'hengua ho abɔfo, Haleluya!
Wɔn a wonim Ne dɔ no, Haleluya!
[V2]
S'ro ne asase nka mmom', Haleluya!
Wɔnka N'anwanwade nky'rɛ, Haleluya!
Mm're nyinaa ne mmaa nyinaa, Haleluya!
Munyi No ayɛ daa daa, Haleluya!
S'ro ne asase nka mmom', Haleluya!
Wɔnka N'anwanwade nky'rɛ, Haleluya!
Mm're nyinaa ne mmaa nyinaa, Haleluya!
Munyi No ayɛ daa daa, Haleluya!
[V3]
Munyi N'ayɛ mpɛ Ne dom, Haleluya!
Monkamfo Ne dom nhyehyɛe, Haleluya!
Nea Wayɛ ama nnipa, Haleluya!
Nea ɔnam Ne Ba so ma, Haleluya!
Munyi N'ayɛ mpɛ Ne dom, Haleluya!
Monkamfo Ne dom nhyehyɛe, Haleluya!
Nea Wayɛ ama nnipa, Haleluya!
Nea ɔnam Ne Ba so ma, Haleluya!