Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #20

Hymn 20 Munyi 'W'radè Ayɛ!

[V1]
Munyi 'W'radè ayɛ! Munyi N'ayɛ s'ro,
Mommɔ 'se N'asɛm mu hann abɔfo;
Mo s'rofo, monkamfo Nea ɔbɔɔ mo no
Na monsom wɔ N'anim, Hann ahoɔfɛ mu.

[V2]

Munyi 'W'radè ayɛ! Yi N'ayɛ fam ha,
Wɔ nne dɛdɛ mu: Mò awo fof'ro mma
Nea ɔde dom fi s'ro n', Munyi No ayɛ;
Nea munim Ne dɔ no, Munyi No ayɛ.

[V3]

Munyi 'W'radè ayɛ! Nea 'gyigye nyinaa,
Sankuhan biara, mma ne nnyigyei so;
Sanku a ano yɛ den, Nkyerɛ N'anuonyam,
Na sankuten nso nka Nea Wayɛ nkyerɛ.

[V4]

Munyi 'W'radè ayɛ! Aseda ne dwom
Na momfa mma No, Nnasanten nyinaa,
Ne dɔ wɔ adeɔm', Ne s'ro kyɛde nti.
Nɔkwagye dom no nti, Munyi 'W'radè ayɛ.

20. Munyi 'W'radè Ayɛ!

Link copied to clipboard successfully!