Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #43

Hymn 43 Sɛ Anim Rebuebue

[V1]
Sɛ anim rebuebue,
Na me koma nyan a,
'Ayeyi nka Yesu!'
Adwumam' ne mpaebɔm'
Mitwi bɛn me Yesu:
'Ayeyi nka Yesu!'

[V2]

Sɛ asɔre dɔn bɔ
Gyigye mmepɔ mu a.
'Ayeyi nka Yesu!'
O muntie ne dwom noɔ
Ͻwoso ɔdɛw mu:
'Ayeyi nka Yesu! '

[V3]

'Nadwo dane 'dekyee,
Yefi komam ka sɛ:
'Avevi nka Yesu!'
Sum mu 'tumfo suro,
Sɛ wɔte saa dwom yi:
'Ayeyi nka Yesu!'

[V4]

Mo aman'man nyinaa
'Ayeyi nka Yesu!'
Munhu mo nkabom ha:
Ma asase nyinaa,
Mfa 'h'rusi nto dwom no:
'Ayeyi nka Yesu!'

[V5]

S'ro daa 'nigye mu no,
Eyi ne dwom pa no
'Ayeyi nka Yesu!'
'Sase ne po ne wim
Nnye so mfi fam nkɔ s'ro:
'Ayeyi nka Yesu!'

[V6]

Nɔkwa yɛ me de yi,
Me soro dwom ne sɛ
'Ayeyi nka Yesu!'
Ma saa daapem dwom yi,
Nnyigye nnasanten mu;
'Ayeyi nka Yesu!'

43. Sɛ Anim Rebuebue

Link copied to clipboard successfully!