Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #21
Hymn 21 Nyame K'ro a Womporɔ Na Wonhu Wo
[V1]
Nyame k'ro a Womporɔ na wonhu Wo
Wo a Wote hann a yentumi nhu mu,
Wɔahy'ra Wo, 'Nuonyamfo, Tetekwaframoa,
'Tumfo nkonimdifo, yɛkamfo Wo din.
Nyame k'ro a Womporɔ na wonhu Wo
Wo a Wote hann a yentumi nhu mu,
Wɔahy'ra Wo, 'Nuonyamfo, Tetekwaframoa,
'Tumfo nkonimdifo, yɛkamfo Wo din.
[V2]
Wonhome, Wompep're, Woyɛ komm sɛ hann;
Ͻnka Wo b'ribiara, Wode tum' di hen';
W'atɛntrenee te sɛ mmepɔ. ɛk'rɔn sen'
Mununkum a ɛma yiedi ne dɔ no.
Wonhome, Wompep're, Woyɛ komm sɛ hann;
Ͻnka Wo b'ribiara, Wode tum' di hen';
W'atɛntrenee te sɛ mmepɔ. ɛk'rɔn sen'
Mununkum a ɛma yiedi ne dɔ no.
[V3]
Akɛse ne nkumaa ny'naa, Woma wɔn nkwa;
Wote ase daa, nokwar' nkwa wɔ Wo mu;
Yɛyɛ prɔmprɔm te sɛ nhaban wɔ dua so,
Yɛtete gu, yera, na Wonsakra da.
Akɛse ne nkumaa ny'naa, Woma wɔn nkwa;
Wote ase daa, nokwar' nkwa wɔ Wo mu;
Yɛyɛ prɔmprɔm te sɛ nhaban wɔ dua so,
Yɛtete gu, yera, na Wonsakra da.
[V4]
'Nuonyam Agya Tumfo, Hann Agya Kronkron,
W'abɔfo kata wɔn anim kamfo Wo;
Yebeyi Wo ayɛ: boa yɛn ma yenhu
Sɛ anuonyam hann na ɛde Wo hinta.
'Nuonyam Agya Tumfo, Hann Agya Kronkron,
W'abɔfo kata wɔn anim kamfo Wo;
Yebeyi Wo ayɛ: boa yɛn ma yenhu
Sɛ anuonyam hann na ɛde Wo hinta.