Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #7

Hymn 7 Aw'rade Di Hen' Sion

[V1]
Aw'rade di hen' Sion,
Ma wiase ny'naa nni dɛw,
Momfa ahurusi koma
Mmra Ne dom 'henguá anim;
Aw'rade di hen' Sion,
N'ayeyi bɛwoso;
Ahen' mma bɛkoto N'anim,
Ná ahen' ahyɛ N' 'nuonyam.

[V2]

Aw'rade di hen' Sion,
Hena ná ɔne No sɛ?
Wiase abun' ny'naa wɔ Ne nsam',
Odi po kɛse so;
Monhyɛ Ne din anuonyam
Na munhim Ne frankaa;
Kosi sɛ nsupɔw ny'naa benya
Ne nkwagye tumi no.

[V3]

Aw'rade di hen' Sion,
Saa mm're yi yɛ Ne de;
Monhyɛn' N'asɔrefi no mu,
Na nnwonto nhyɛ hɔ ma;
N'adehye frankaa n'ase
Abɔde ny'naa nkoto,
Momma S'ro ne 'sase Hen' so
Nhyɛ N'ade ny'naa so Hen'

7. Aw'rade Di Hen' Sion

Link copied to clipboard successfully!