Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #5
Hymn 5 M'anidaso Ny'naa Ne Nyame
[V1]
M'anidaso ny'naa ne Nyame;
ɔhyɛ m'ahotoso den,
ɔhwɛ me so akwan ny'naa mu
'Ma me nea eye nkutoo.
Nyankopɔn nko ara
Ná ɔgye m' koma yɛ Ne de.
M'anidaso ny'naa ne Nyame;
ɔhyɛ m'ahotoso den,
ɔhwɛ me so akwan ny'naa mu
'Ma me nea eye nkutoo.
Nyankopɔn nko ara
Ná ɔgye m' koma yɛ Ne de.
[V2]
Nipa 'hantan ne fam 'nuonyam,
Nkrantɛ ne kyɛw di n' huammɔ;
Nea osiam ho fif'ri hyehyɛ,
Abanten ny'naa dwiri gu.
Nso Nyame tumi no
Ne m'abanten b're biara.
Nipa 'hantan ne fam 'nuonyam,
Nkrantɛ ne kyɛw di n' huammɔ;
Nea osiam ho fif'ri hyehyɛ,
Abanten ny'naa dwiri gu.
Nso Nyame tumi no
Ne m'abanten b're biara.
[V3]
Onyame yieyɛ tim hɔ daa,
Ne nyansa mu dɔ kɛse;
'Nuonyam, hann ne nkwa wɔ Ne ho;
Ahoɔfɛ senŋ fi Ne mu.
ɔdɔ wɔ Ne nsā ano,
Ahosɛpɛ tie Ne fre.
Onyame yieyɛ tim hɔ daa,
Ne nyansa mu dɔ kɛse;
'Nuonyam, hann ne nkwa wɔ Ne ho;
Ahoɔfɛ senŋ fi Ne mu.
ɔdɔ wɔ Ne nsā ano,
Ahosɛpɛ tie Ne fre.
[V4]
Ma onipa mmɔ ayeyi
Afɔre mma Nyame daa;
Ayeyi mforo nkɔ s'ros'ro,
Ne Ba Kristo 'kyɛde n' nti.
Kristo frɛ obiara:
Mo 'kyidifo munnhintiw.
Ma onipa mmɔ ayeyi
Afɔre mma Nyame daa;
Ayeyi mforo nkɔ s'ros'ro,
Ne Ba Kristo 'kyɛde n' nti.
Kristo frɛ obiara:
Mo 'kyidifo munnhintiw.