Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #4

Hymn 4 Me Kra Yi Soro Hen' Ayɛ

[V1]
Me kra yi soro Hen' ayɛ,
Fa wo tow no bra N'anim;
Wapɔn wo, de wo ho akyɛ w'
Ͻnsɛ sɛ wuyi N'ayɛ?
Yi No ayɛ, yi No ayɛ!
Yi daa Hene no ayɛ!

[V2]

Yi N'ayɛ, ɔkyerɛɛ Ne dom,
Agyanom ahohia mu;
Yi n'ayɛ na ɔnsakra da;
ɔtea nyaa, ɔyɛ ntɛm hy'ra:
Yi No ayɛ, yi No ayɛ!
ɔyɛ 'nuonyamfo ampa!

[V3]

ɔhwɛ yɛn so sɛ agya pa,
Onim yɛn mm'rɛwyɛ nyinaa;
ɔsoa yɛn Ne basa so brɛoo,
Gye yɛn fi y'atamfo nsam:
Yi no ayɛ, yi No ayɛ!
Sɛnea Ne dom sian ba no!

[V4]

Abɔfo mmoa yɛn N'ayeyi m'
Mo na muhu n'anim daa;
'Wia ne'sram, monkoto N'anim,
Nea 'Indeɔ ny'naa yi N'ayɛ:
Yi No ayɛ, yi No ayɛ!
Yi Nyame domfo N'ayɛ!

4. Me Kra Yi Soro Hen' Ayɛ

Link copied to clipboard successfully!