Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #3

Hymn 3 Nyame Wɔ Yɛn Mu Ha

[V1]
Nyame wɔ yɛn mu ha
Momma yɛnkoto No,
Na yɛmfa suro mmra N'anim;
Nyame wɔ yɛn mu ha,
Me kra nyɛ komm N'anim
Mmɛn No wɔ ahobrɛase mu!
Ne de a Munim No,
Monsom No nokwarem'
Munyi No ayɛ yie.

[V2]

Bra na bɛtra me mu,
Me kra te sɛ Maria,
Nyɛ Wo wiase asɔrefie.
Bra me mu, O Honhom,
Sesa nipadua yi,
Mede 'nidi, dɔ, bɛma Wo
Baabiarā a,Mɛkɔ no,
Ma menkoto W'anim,
Nɔhu Wo yie nsom Wo.

[V3]

Wiase nnaadaa hunu,
Ahantan, 'bra bɔne,
Yɛde 'nigye gyae ne ny'naa mu.
'Wura, yɛde 'nigye
Bɛyɛ Wo de daa daa
Yɛn kra, nkwa, ne yɛn adeny'naa
Wo nkutoo, Na yenim,
Woyɛ ade ny'naa Wura
Woky'rɛ nokwar' 'bra kwan.

3. Nyame Wɔ Yɛn Mu Ha

Link copied to clipboard successfully!