Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #1

Hymn 1 Ayeyi Nka Nyame Tumfo

[V1]
Ayeyi nka Nyame Tumfo
ade ny'naa so Hene!
O, me kra yi N'ayɛ, n'ɔyɛ
W'ahoɔden ne nkwagye;
Mo a mote ny'naa,
Muntwiw mmra N'asɔrefi;
Momfa anigye ntontom No.

[V2]

Ayeyi nka Nyame a Odi
Ade ny'naa so Hene!
ɔde Ne ntaban bɔ w'ho ban
Mma wo nea ehia wo!
Enti wunhui,
Sɛ ɔde w'abisade ny'naa
Ama w'sɛnea Wahyehyɛ no?

[V3]

Ayeyi nka Nyame a Ohy'ra
W'adwuma, bɔ w'ho ban;
N'ayamye ne N'ahummɔb'rɔ nni
W'akyi da biara; Susu ho bio,
Nea Tweaduampɔn tumi yɛ,
Sɛ ɔde Ne dɔ fa w'yɔnko.

1. Ayeyi Nka Nyame Tumfo

Link copied to clipboard successfully!