Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #646
Hymn 646 Ma Aman Nyinaa Nkoto Din
[V1]
Ma aman nyinaa nkoto din
A ɛde nkwagye ba no,
Sɛ wɔbɔ din mu Din yi a,
Ma wɔnkoto ayeyim',
Ma wɔmmɔ mpae nsrɛ fof'royɛ
Mma Kristom nneɛma nyinaa.
Ma aman nyinaa nkoto din
A ɛde nkwagye ba no,
Sɛ wɔbɔ din mu Din yi a,
Ma wɔnkoto ayeyim',
Ma wɔmmɔ mpae nsrɛ fof'royɛ
Mma Kristom nneɛma nyinaa.
[V2]
Odi hen' daa kɛseyɛ mu,
Awo ntoatoaso biaram',
Ma amanaman ahemfo
Nto wɔn nitan ngu seesei
Wɔmfa 'hobrɛase ne 'nidi
Nyɛ nok'ro Nyame dɔ mu.
Odi hen' daa kɛseyɛ mu,
Awo ntoatoaso biaram',
Ma amanaman ahemfo
Nto wɔn nitan ngu seesei
Wɔmfa 'hobrɛase ne 'nidi
Nyɛ nok'ro Nyame dɔ mu.
[V3]
'W'ra, yɛsrɛ ma 'mansodifo,
Ma wonnya Wo nkyɛn banbɔ
Mfi tumidi a ɛmfra ne
Adiufudepɛ hun' mu;
Ma wonhu 'hobrwasem' nokwar'
Na wommu atɛntrenee.
'W'ra, yɛsrɛ ma 'mansodifo,
Ma wonnya Wo nkyɛn banbɔ
Mfi tumidi a ɛmfra ne
Adiufudepɛ hun' mu;
Ma wonhu 'hobrwasem' nokwar'
Na wommu atɛntrenee.