Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #645

Hymn 645 Yɛn Agyanom Nyamč a WoTumi Nsa

[V1]
Yɛn agyanom Nyamč a Wo tumi nsa
Ky'rɛ nsase horow a 'yɛ fɛ no kwan;
Nsoromma hyɛnhyɛn no kwan wɔ ewim,
Yɛn nnaase nnwom ba W'ahengua anim.

[V2]

Wo dɔ aky'rɛ yɛn kwan mm're a atwam,
'Sase a Wode ma yɛn kwa yi so;
Bɛyɛ yɛn Sodifo ne Kwanky'rɛfo.
W'asɛm ne yɛn mm'ra, W'akwan, yɛn akwan.

[V3]

Bɔ yɛn ho ban fi ko ne yar'dɔm mu,
Fa Wo tumi nsa no bɔ yɛn ho ban;
Fa Wo nokwar' som no hyɛ yɛn komam';
Ma Wo nnepa no nsiesie yɛn 'somdwoem'

[V4]

Kanyan Wo nk'rɔfo yɛn brɛ kwan no so,
Di yɛn anim fi sum mu kɔ 'dekyeem'
Fa ɔsoro dɔ ne dom hyɛ yɛn ma;
Na 'nuonyam ne nkamfo nyɛ Wo de daa.

645. Yɛn Agyanom Nyamč a WoTumi Nsa

Link copied to clipboard successfully!