Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #22

Hymn 22 Nyame Ne Yɛm Dwom

[V1]
Nyame ne yɛn dwom, na obiara a
Oyi N'ayɛ nya 'hoɔden ne home.
Wɔn a wɔde dɛw yi Nyame ayɛ;
San de nyansa a yɛhwere ma yɛn,
San de nyansa a yɛhwere ma yɛn.

[V2]

Nyame ne yɛn dwom, Yesu bɛgye yɛn:
Yɛde yɛn ho ma Wo, yɛn nkamfo mu.
Yɛn nyinaa ka bom, to dwom foforo.
Yesu di y'anim kɔ s'ro hann no mu,
Yesu di y'anim kɔ s'ro hann no mu.

[V3]

'Yi ne dwom a 'haw bi ntumi nhyɛ so,
Nyame ayeyifo pow abufuw;
ɔdɔ ne ehu dwom sononko a,
Nyame de siesie asase hunu,
Nyame de siesie asase hunu.

[V4]

Nyame ne yɛn kommyɛ b'rč a yɛnto dwom;
Aw'rɛhow ma yentumi nto dwom a,
Yɛde gyidi yɛ setie kommyɛ mu,
Kosi sɛ yɛn 'yeyi nne bɛsɔr' bio,
Kosi sɛ yɛn 'yeyi nne bɛsɔr' bio.

22. Nyame Ne Yɛm Dwom

Link copied to clipboard successfully!