Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #644
Hymn 644 Nyame a Wo Pɛ Yɛ Nkwa Ma
[V1]
Nyame a Wo pɛ yɛ nkwa ma
Adasamma nyinaa;
Ka Wo nkoā a wɔne owu di
Ap'rep're nyinaa bom.
Nyame a Wo pɛ yɛ nkwa ma
Adasamma nyinaa;
Ka Wo nkoā a wɔne owu di
Ap'rep're nyinaa bom.
[V2]
Hyɛ wɔn nsa ne wɔn koma den
Ma wɔmpam nyarewa;
Wɔmfa W'ayar'sa tum' nko ntia
Niapduam' nyarewa.
Hyɛ wɔn nsa ne wɔn koma den
Ma wɔmpam nyarewa;
Wɔmfa W'ayar'sa tum' nko ntia
Niapduam' nyarewa.
[V3]
Wɔnam ayaresa so yi
Kristo mmɔb'rɔhun' ne
'Duyɛfo kɛsen' adwen ky'rɛ
Ma 'Gyenkwa no din so.
Wɔnam ayaresa so yi
Kristo mmɔb'rɔhun' ne
'Duyɛfo kɛsen' adwen ky'rɛ
Ma 'Gyenkwa no din so.
[V4]
Fa Wo pɛ no si wɔn anim
Ma womfi komam mfa
Wɔn nimdeɛ mma Wo na wɔnsa
'Manehun'fo yare.
Fa Wo pɛ no si wɔn anim
Ma womfi komam mfa
Wɔn nimdeɛ mma Wo na wɔnsa
'Manehun'fo yare.