Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #643

Hymn 643 Agya a Wuhwie 'Kyɛde Pii

[V1]
Agya a Wuhwie 'kyɛde pii
Fi W'akorae gu yɛn so no,
Ma Wo nk'rɔfo tum' a yɛde
'Kyɛde n' bɛyɛ nnwuma pa.

[V2]

Ma yɛn 'homegyem' 'nigye pa,
Dɛw mu 'nidahɔ na yɛmfa
Fam ha nnepa nni dwuma wɔ
Nipadua ne honhom pa m'.

[V3]

Yi nea ɛde animguase
Ba aman ny'naa mu no fi hɔ;
Brɛ sɔhwɛ tumi ny'naa ase,
Na ma W'atamfo nso nguan.

[V4]

Agya a Wohwehwɛ huu yɛn,
Nyame Bā a Wo dɔ kyeky're yɛn;
Honhom a Wo ne yɛn wɔ hɔ
Nyame Baasak'ro, tie yɛn.

643. Agya a Wuhwie 'Kyɛde Pii

Link copied to clipboard successfully!