Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #101

Hymn 101 ɔs'ro Agya Dɛɛfo No Mma

[V1]
ɔs'ro Agya dɛɛfo no mma
Boa wɔn ano Ne kokom dwoo;
Nnomaa anaa s'ro nsoromma
Nnya 'hintabea a ɛte saa.

[V2]

Nyame no ara yɛn' Ne de;
Wɔyɛ frɔmm Ne dɔ kronkron nom'
ɔgye wɔn fi mmusu ny'naa mu
ɔsoa wɔn Ne tum' basa so.

[V3]

Nɔkwa anaa owu ntumi
Ntetew 'W'rade ne Ne mma mu;
Ohwie Ne dom no gu wɔn so,
Na Onim wɔn aw'rɛhow ny'naa.

[V4]

Momfa dɛw nkamfo Aw'rade;
Mo Hwɛfo ntɔ nko na ɔnna;
Mo Banbɔfo no pɛ mu no,
'Tamfo biara bedi nkogu.

[V5]

Sɛ ɔma o, sɛ ɔfa o,
Onyame werɛ mfi Ne mma;
Ne dɔ botae ara ne sɛ
ɔbɛma wɔn ayɛ kronkron.

101. ɔs'ro Agya Dɛɛfo No Mma

Link copied to clipboard successfully!