Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #638
Hymn 638 Nyansafo De Wɔn Nimdeɛ
[V1]
Nyansafo de wɔn nimdeɛ
Adefo, wɔn sika,
'Binom de wɔn kɛseyɛ
Ebi nso wɔn 'hoɔden;
Yɛn nso de yɛn 'gyapade,
Rebɛma ɔhen' no,
Yenni sika ne nimdeɛɔ
Dɛn na yɛde bɛba?
Nyansafo de wɔn nimdeɛ
Adefo, wɔn sika,
'Binom de wɔn kɛseyɛ
Ebi nso wɔn 'hoɔden;
Yɛn nso de yɛn 'gyapade,
Rebɛma ɔhen' no,
Yenni sika ne nimdeɛɔ
Dɛn na yɛde bɛba?
[V2]
Yɛde koma bɛdɔ No,
Na yɛato N'ayeyi;
Akra nkumaa de ɔdwo
Bɛnantew N'akwan so.
'Yinom bɛyɛ 'gyapadč a
Yɛde ma ɔhen' no,
'Yi ne 'kyɛde a 'bofra
Biara betum' ama.
Yɛde koma bɛdɔ No,
Na yɛato N'ayeyi;
Akra nkumaa de ɔdwo
Bɛnantew N'akwan so.
'Yinom bɛyɛ 'gyapadč a
Yɛde ma ɔhen' no,
'Yi ne 'kyɛde a 'bofra
Biara betum' ama.
[V3]
Yɛbɛyɛ nnwuma nkumaā a
Yɛyɛ da biara no,
Yɛbɛsɔ N'ani wɔ fie,
'Suabea ne agodim';
'Yinom yɛ 'gyapade pā a
Yɛde brɛ ɔhen' no.
'Kyɛde bi nkwati 'yinom,
Nso mmofra de bɛba.
Yɛbɛyɛ nnwuma nkumaā a
Yɛyɛ da biara no,
Yɛbɛsɔ N'ani wɔ fie,
'Suabea ne agodim';
'Yinom yɛ 'gyapade pā a
Yɛde brɛ ɔhen' no.
'Kyɛde bi nkwati 'yinom,
Nso mmofra de bɛba.