Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #637

Hymn 637 Onyame Ba, Daa Agyenkwa

[V1]
Onyame Ba, daa agyenkwa,
Nkwa, nokwar' ne dom suti,
Asɛm a ɛbɛyɛɛ honam,
Wō a W'awo tew nnipa ho.
Yɛn Tė a Wudi hen' 'nuonyam mu
Wo mma bɛsrɛ Wo daa sɛ
Fa W' dɔ ne tema hyɛ yɛn ma,
Sa yɛn mfomso na boa yɛn.

[V2]

Ka yɛn nyinaa bom biakoyɛ mu,
W'asafokuw kronkron nom',
Mm'rɛwyɛfo ne ahoɔdenfo
Mmofra ne mpanyimfo ny'naa.
So yedi hia anaa 'w'rɛhow?
Ma yɛn ny'naa nsoa nnesoa yi,
So akra binom abotow?
'W'ra ky'rɛ yɛn ma yɛmmoa wɔn.

[V3]

Sɛnea Wotra maa 'fof'ro no,
'W'ra, ma yɛn nso yɛntra bi,
Wode W'akyɛde ama kwa
Ma W'asomfo nso nyɛ saa.
Sika ne dwetɛ yɛ Wo de,
'Sase ne pom' nneɛma ny'naa;
Yɛyɛ ahwɛfo a Wode
S'ro nnepa ahyɛ yɛn nsa.

[V4]

Kristo, bra bedi hen' yɛn mu,
ɔdɔ ne Asomdwoe Hen';
Pam ap'rep're ne akɔnnɔ
Na ma mpaapaemu to ntwa.
Fa Wo boasetɔ nnwuma no,
Ne yaw a Wudii no so,
Dwudwo yɛn wiase 'nigye ne
Pɛsɛm'kominyā ano.

[V5]

Onyame Ba, daa Agyenkwa,
Nkwa, nokwar' ne dom nsuti;
Asɛm a ɛbɛyɛɛ honam,
Wō a W'awo tew nnipa ho.
Wo mpaebɔ ne W'apɛde sɛ
Wo nk'rɔfo bɛyɛ k'ro nti,
Ma yɛn anidaso mmra mu;
Wo pɛ nyɛ hɔ wɔ fam ha.

637. Onyame Ba, Daa Agyenkwa

Link copied to clipboard successfully!