Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #639

Hymn 639 A Seda Hyɛ Me Koma Ma

[V1]
A seda hyɛ me koma ma
Sɛ mento W'ayeyi;
Wo dɔ ne W'adɔe fi mfiase
Ahy'ra me besi nnɛ.

[V2]

Meda W'ase me talɛnte
Ne ntoso du som ho;
'Fisɛ ɔma de 'nigye ba,
B'rč a ɛboa afof'ro.

[V3]

Meda W'ase, 'hwɛfo som a
Ͻma meyɛ adɔe;
Ͻma mede boasetɔ boa
Wo mma wɔn ahohiam'.

[V4]

O 'W'ra, Wo frɛ no nti mede
Nea mewɔ ny'naa ma Wo;
Boa ma mentrɛw ɔfrɛ no mu
Ahobrɛase pa mu.

639. A Seda Hyɛ Me Koma Ma

Link copied to clipboard successfully!