Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #636

Hymn 636 Nyame a W'adɔe Nni Awiei

[V1]
Nyame a W'adɔe nni awiei,
Wo dan mu wɔ nnepa pii;
'Bɔde nwanwa, Yesu nyansa,
'Boɔden 'sɛnnua, owų apon.
Akyɛde W'ra, yɛba Wo hɔ,
Yɛde yɛn ho maW' yeyim'
Aseda dwom bɛkɔ so daa,
Yɛn nkwa Mafo ne Domfo.

[V2]

Nimdeɛ ne b're wɔ yɛn, b're a
Yɛbɛn Kristo botae no;
Yɛn nyinaa wɔ ahofadi,
Mmusua bom, 'safo yɛ k'ro.
Di yɛn daa daa adwuma so,
Na yɛanyɛ amma yɛn ho;
Yɛwɔ talɛnte, yɛ yɛn nkoa,
Ma yɛmfata Wo som no.

[V3]

'Gyapade nso, Woama yɛn bi,
Wo dom na ɛde ma yɛn;
Yɛde boa fie ne abusua,
De trɛw W' Asɛmpa no mu.
Bue yɛn nsam ma afoforo,
B'rč a yetie Kristo frɛ no;
Yɛnam 'yaresa ne nky'rɛky'rɛ
Ne ɔdɔ so bɛsom Wo.

636. Nyame a W'adɔe Nni Awiei

Link copied to clipboard successfully!