Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #623
Hymn 623 M'agyenkwa, Medi Wo Akyi
[V1]
M'Agyenkwa, medi Wo akyi,
Nea me bra besi biara;
Nea Wokɔ biara mɛkɔ bi,
Yiw, 'Wura, medi W'akyi.
**Nnyeso**
M'Agyenkwa, medi Wo akyi
Wuhwiee Wo mogya maa me;
'Nti sɛ nnipa nyinaa pa Wō a,
Wo dom nti medi W'akyi.
M'Agyenkwa, medi Wo akyi,
Nea me bra besi biara;
Nea Wokɔ biara mɛkɔ bi,
Yiw, 'Wura, medi W'akyi.
**Nnyeso**
M'Agyenkwa, medi Wo akyi
Wuhwiee Wo mogya maa me;
'Nti sɛ nnipa nyinaa pa Wō a,
Wo dom nti medi W'akyi.
[V2]
Sɛ kwan nom' nye na nsɔe wɔ mu,
Ͻyɛ po a kwan nnam' a,
Woadi m'anim kan afa so,
'Nti dɛw mu medi W'akyi.
Sɛ kwan nom' nye na nsɔe wɔ mu,
Ͻyɛ po a kwan nnam' a,
Woadi m'anim kan afa so,
'Nti dɛw mu medi W'akyi.
[V3]
Sɛ mihyia ɔhaw ne yaw na
Sɛ wɔsɔ me hwɛ mpo a,
Mekae sɛ wɔsɔɔ Wo hwɛe bi,
'Nti mede dɛw di W'akyi.
Sɛ mihyia ɔhaw ne yaw na
Sɛ wɔsɔ me hwɛ mpo a,
Mekae sɛ wɔsɔɔ Wo hwɛe bi,
'Nti mede dɛw di W'akyi.
[V4]
Sɛ Wode me fa yaw mu na
Ohia tu me gu mpo a,
Wo nso Wudii kan dii yaw bi,
'Nti medi W'akyi ara.
Sɛ Wode me fa yaw mu na
Ohia tu me gu mpo a,
Wo nso Wudii kan dii yaw bi,
'Nti medi W'akyi ara.
[V5]
Wode me fa Yordan bun' mu,
Ma awɔw kyen me mpo a,
Wo na Wudii kan faa po so,
'Nti medi W'akyi ara.
Wode me fa Yordan bun' mu,
Ma awɔw kyen me mpo a,
Wo na Wudii kan faa po so,
'Nti medi W'akyi ara.