Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #608
Hymn 608 Mo, Kristo Nsraafo a Mowɔ
[V1]
Mo, Kristo nsraafo a mowɔ
Hann mmepɔ so, monsɔr';
Momfa 'nimia nko ansa na
'Sum akata ewim.
Momma yɛnka yɛn 'hoɔden mmom'
Ne tamfon' nko dennen;
Yenim sɛ gyidi ne tum' a
Edi wiase so nim.
**Nnyeso**
Gyidi ne tumi no,
Gyidi ne tumi no,
O, anuonyam tumi a
Edi wiase so nim.
Mo, Kristo nsraafo a mowɔ
Hann mmepɔ so, monsɔr';
Momfa 'nimia nko ansa na
'Sum akata ewim.
Momma yɛnka yɛn 'hoɔden mmom'
Ne tamfon' nko dennen;
Yenim sɛ gyidi ne tum' a
Edi wiase so nim.
**Nnyeso**
Gyidi ne tumi no,
Gyidi ne tumi no,
O, anuonyam tumi a
Edi wiase so nim.
[V2]
Yehu tamfon' baabiara sɛ
Wahyɛ n'akotade;
Mumfi 'nihaw ntamadan mu
Nnantew nkɔ akono.
Monhyɛ nkwagye dadekyɛw na
Nokwar' nkyeky're mo ho;
'Sase bɛwosow yɛn nan'se
Na yɛn nteam agyigye.
Yehu tamfon' baabiara sɛ
Wahyɛ n'akotade;
Mumfi 'nihaw ntamadan mu
Nnantew nkɔ akono.
Monhyɛ nkwagye dadekyɛw na
Nokwar' nkyeky're mo ho;
'Sase bɛwosow yɛn nan'se
Na yɛn nteam agyigye.
[V3]
Nea odi tamfon' so nim no
Benya' tade fitaa.
Obɛte sɛ wɔabɔ ne din
S'ro abɔfo anim.
Afei yɛde ɔdɔ koma
Befi hann mmepɔn' so
Ako adi esum no so,
Wɔ Yesu din no mu.
Nea odi tamfon' so nim no
Benya' tade fitaa.
Obɛte sɛ wɔabɔ ne din
S'ro abɔfo anim.
Afei yɛde ɔdɔ koma
Befi hann mmepɔn' so
Ako adi esum no so,
Wɔ Yesu din no mu.