Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #609

Hymn 609 So Meyɛ 'Sɛnnuan' Ho Sraani

[V1]
So meyɛ 'sɛnnuan' ho sraani,
'Guammaa no 'kyidini?
Misųro sɛ mɛyɛ N'adwuma
Anaa mɛbɔ Ne din?

[V2]

So wɔmfa me nkɔ ewim wɔ
Ahotɔ pa mu, b'rč a
Binom de wɔn mogya reko
Hwehwɛ akyɛde no?

[V3]

So tamfo bi nni hɔ ma me?
Merensiw haw n' ano?
So bɔn' wiase 'i yɛ yɔnko a
Ͻde m'kɔ Nyame nkyɛn?

[V4]

'Sɛ sɛ meko na madi hen';
'W'ra, ma me kokod'ru;
Mɛfa ɔbrɛ ne yaw no mu
B'rč a W'asɛm ka me ho.

[V5]

'Hotefo bewu ko nom' de,
Nanso wobedi nim;
Wɔde gyidi aniwa no
Hu nkonimdi aky'ri.

[V6]

Sɛ saa da kɛse no du na
W'asraafo no ny'naa de
Nkonimdi ntade hy'rɛn wim a,
'Nuonyam bɛyɛ wɔn de.

609. So Meyɛ 'Sɛnnuan' Ho Sraani

Link copied to clipboard successfully!