Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #607

Hymn 607 Anuonyam Ne Dom Nyame, Hwie

[V1]
Anuonyma ne dom Nyame hwie
Wo tumi gu Wo mma so;
Ma W'asafo nsa nka bɔhyɛn'
Na ma ennyin sɛ nhwiren;
Ma yɛn nyansa ne aboɔd'ru
Na ɛmmoa yɛn dɔn yi mu.

[V2]

'Tamfo atwa yɛn ho ahyia
Wɔredi Kristo ho fɛw;
Gye yɛn koma fi 'hu mu na
Ennya gyidi ne nkamfo;
Ma yɛn nyansa ne aboɔd'ru
Na ɛmmoa yɛn dɔn yi mu.

[V3]

Yi akosɛm fi Wo mma mu;
Di yɛn ahantan ny'naa so.
Ma y'ani nwu sɛ yɛbɛpɛ
'Honyade sen ɔkra no;
Ma yɛn nyansa ne aboɔd'ru
Na ɛmmoa yɛn dɔn yi mu.

[V4]

Fa yɛn nan si nea hɔ k'rɔn na
Sɔ yɛn bra mu ma yɛmfa
Kristo nyɛ yɛn akode wɔ
Yɛn ahofadi ko nom';
Ma yɛn nyansa ne aboɔd'ru
Na ɛmmoa yɛn dɔn yi mu.

607. Anuonyam Ne Dom Nyame, Hwie

Link copied to clipboard successfully!