Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #606

Hymn 606 B're Bi Ha Ma Nipa Ne 'Man

[V1]
B're bi ba ma nipa ne 'man
Sɛ wɔbɛyɛ nsusui bi
Fa nokwar' anaa atorɔ,
Papa anaa bɔne ho
Nyame Mesaia fof'ro
Ma 'hotɔ anaa 'hohia;
Na nea wɔbɛpaw, hann anaa
Esum no bɛtra hɔ daa.

[V2]

Eye sɛ yɛpaw nokware
B'rč a yenya ne haw no bi
Ansa na yɛanya ne mfaso;
Na trenee mu wɔ nhyira;
Ͻno na 'kokod'rufo paw
B'rč a ahufo gyina nkyɛn
Kosi sɛ ɛdɔm a wɔpow
Gyidi no bɛsan aba.

[V3]

Yɛde mogyadansefo hann
Toa W'anammɔn no, Kristo;
Yɛsoa 'sɛnnua kɔ Kalbre daa,
'Sɛnnuā a ɛnnan n'akyi nky'rɛ;
Mm're a de nnwuma fof'ro ba ma
Kan nnepa dan tetesɛm;
Ͻsɛ wɔn a wobekura
Nokwar' mu sɛ sɔkɔ anim.

[V4]

Ewom, bɔne nya nkɔso de,
Nanso nokwar' n'egyina;
Ne kyɛfa bɛyɛ 'sɛnnua ma
Bɔne atra agua so;
Nanso ɛyɛ saa 'sennua no
Na ekura daakye mu,
Nyame fi s'ro hwɛ Ne mma so
Wɔ esum kabii no mu.

606. B're Bi Ha Ma Nipa Ne 'Man

Link copied to clipboard successfully!