Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #602

Hymn 602 Onua, Di Nokware, Yesu Reba Ntɛm

[V1]
Onua, di nokware, Yesu reba ntɛm,
ɔno na yɛatwɛn no akyɛ;
Ͻrenkyɛ yɛbɛhyɛn yɛn 'nuonyam fie nom',
Ato nkonimdifo dwom no,
Onua, di nokware, dɛn nti na yenni
Nokware mma Nea Waky'rɛ dɔ
A enni kabea te sɛɛ na Owui de
Gyee yɛn a yɛyɛ Ne de no?

[V2]

Onua, di nokware, sika kuro a
Wɔasiesie ama hy'rafo no,
Retwɛn sɛ ɛbɛda adi N'ahoɔfem';
Agye w' akɔ wo home mu
Onua, di nokware, yɛrenkɔ so ntra
Ahohia mu bio wɔ fam ha;
Awerɛhow 'nadwo sum no retwam kɔ
Yɛrebɛn 'nuonyam 'dekyee no.

[V3]

Onua, di nokware, ɛ'nkyɛ Obesian,
Abɔde Hen' Twieduampɔn no,
B're a abɔfo mpemem no di N'akyi
Kura nkonimdi berɛw no,
Onua, di nokware, ɛ'nkyɛ wobɛte
Sɛ w'Agyenkwa no reka sɛ
\"Mo, akoa nokwafo, woanya 'bodin sɛ
Wobɛhyɛn wo W'ra anigyem.

[V4]

Onua, di nokware na mmeresanten
Bɛka wo nnɛ 'nokwar'di no
B're a dɛw ne s'rew bɛpopa wo nusu,
Na wɔahyɛ wo ahenkyɛw no.
Onua, di nokware, bɔhyɛ no bɛba,
Nea ɛretwɛn nokwafo no;
Wo ne wɔn a wɔagye wɔn no bedi hen;
Na wo ne Yesu atra daa.

602. Onua, Di Nokware, Yesu Reba Ntɛm

Link copied to clipboard successfully!