Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #588

Hymn 588 Aman Nyinaa W'ra

[V1]
Aman nyinaa W'ra, ma me dom
Mfa nnɔ nnipa horow nyinaa;
Ma menhu ɔkra biara mu,
Adɔfo a Woagye wɔn nkwa.

[V2]

'W'ra, bubu fasu a ɛde
Ntetewm'di bɛba Wo mma mu,
Ma mempɛ me yɔnko yiedi;
Ma Kristom dɔ no nka yɛn mmom'.

[V3]

'W'ra, fa me mfomso nyinaa kyɛ
'T'rimɔden ne nsɛnhun' nyinaa;
Ma menhu sɛ me bɔn' biara
Bɔ m'Awurade 'sɛnnuam' bio.

[V4]

'W'ra, ma memfa W'akokod'ru
Nkasa brč a wɔhyɛ afof'ro so;
Sɛ wɔhyɛ me so bi saa a,
Ma menkae Wo, na memfa nkyɛ.

[V5]

Ma Wo dɔ no nhyɛ me ma wɔ
Wo Honhom Kronkron no pɛ mu;
Na nea me nsa besom biara
Anya Wo soro tumi no.

588. Aman Nyinaa W'ra

Link copied to clipboard successfully!