Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #528
Hymn 528 Aw'rade Ne Yɛn Botantim
[V1]
Aw'rade ne yɛn Botantim,
Ahum bere my guankɔbea;
Bɔne biara renni wo so,
Ahum bere mu guankɔbea.
**Nnyeso**
Botantim (Botantim) wɔ frɛ 'sase so,
Nwini dwoo wɔ anweahyew so;
'Kwantufo Kwankyerɛfo pa
Ahum bere mu guankɔbea.
Aw'rade ne yɛn Botantim,
Ahum bere my guankɔbea;
Bɔne biara renni wo so,
Ahum bere mu guankɔbea.
**Nnyeso**
Botantim (Botantim) wɔ frɛ 'sase so,
Nwini dwoo wɔ anweahyew so;
'Kwantufo Kwankyerɛfo pa
Ahum bere mu guankɔbea.
[V2]
Awia nwini, sum mu wɛnfo,
Ahum bere mu guankɔbea;
Ehu nni hɔ, 'tamfo nni hɔ,
Ahum bere mu guankɔbea.
Awia nwini, sum mu wɛnfo,
Ahum bere mu guankɔbea;
Ehu nni hɔ, 'tamfo nni hɔ,
Ahum bere mu guankɔbea.
[V3]
Sɛ nsu y'ri twa yɛn ho hyia a,
ɔyɛ ahum mu guankɔbea,
Nyame ne yɛn 'nidaso pa,
Ahum bere mu guankɔbea.
Sɛ nsu y'ri twa yɛn ho hyia a,
ɔyɛ ahum mu guankɔbea,
Nyame ne yɛn 'nidaso pa,
Ahum bere mu guankɔbea.
[V4]
Botan Kronkron, Guankɔbea pa,
Ahum bere mu guankɔbea;
O, yɛ yɛn boafo, bɛn yɛn daa,
Ahum bere mu guankɔbea.
Botan Kronkron, Guankɔbea pa,
Ahum bere mu guankɔbea;
O, yɛ yɛn boafo, bɛn yɛn daa,
Ahum bere mu guankɔbea.