Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #529

Hymn 529 Ne Ntaban 'Se

[V1]
Ne ntaban 'se, mete hɔ asomdwoe mu;
'Sum kabii ne ahum kɛse tu a,
Mɛko so atwer' No, ɔbɛkora me,
'Fisɛ Wagye me na meyɛ Ne ba.

**Nnyeso**
Ne ntaban 'se, ne ntaban 'se,
Hena bɛte Ne dɔ ntam?
Me kra bɛtra Ne ntaban ase
Asomdwoe mu afebɔɔ.

[V2]

Ne ntaban 'se, 'w,rɛhow mu guankɔbea ni!
Koma no hwɛ ne homebea 'nigyem';
Se minnyā ad'ru mma m'ayaresa fam hā a,
Ehɔ de, minya 'w'rɛkyekye ne nhy'ra.

[V3]

Ne ntaban 'se, O nigye a ɛsom bo!
Mehinta hɔ kosi nsɔhwɛ awiei;
Wɔakōra me so, mmusu bi ntumi nhaw me,
Mewɔ Yesum' a, mewɔ banbɔ daa.

529. Ne Ntaban 'Se

Link copied to clipboard successfully!