Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #527

Hymn 527 Ahum Biarā a Ͻbebɔ Mu

[V1]
Ahum biarā a ɛbɛbɔ mu,
Mmusu a ɛbɛsɔr mu no,
'Somdwoe guankɔbea bi wɔ hɔ;
Wohu wɔ mpata 'gua n'ase.

[V2]

Beae bi wɔ hɔ a Yesu hwie
Anigye ngo gu yɛn tirim,
Nea 'hɔ yɛ dɛw sen baabiara;
'Yɛ mpata 'guā a wɔatew ho no.

[V3]

Beae bi wɔ hɔ a honhom hyia,
Nea nnamfo nya nkitahodi;
Wɔ mpata 'gua baako no ho.
Wɔn ntam tew, nso wohyiam gyidim'

[V4]

Wɔsoa yɛn 'bɔfo ntaban so,
Na fam ha dadwen nhaw yɛn bio,
ɔs'ro sian fam behyia yɛn kra,
'Nuonyam hyɛ mpata 'gua no ma.

[V5]

Hefa na yebeguan akɔ,
Sɔhwɛ ne ahohia b're mu?
Sɛn na yebedi bɔne so,
'Hotefo nni mpata 'guā anaa?

527. Ahum Biarā a Ͻbebɔ Mu

Link copied to clipboard successfully!