Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #520
Hymn 520 M'Aw'rade Yesu Yɛ
[V1]
M'Aw'rade Yesu Yɛ 'Gyenkwa nwanwani,
ɔyɛ 'Gyenkwa nwanwani mam'
ɔde me kra sie botan no tok'ru mu
Nea mihu 'hom'ka nsubɔnten.
**Nnyeso**
ɔde me kra sie botan a ɛkata
'Sase wesee so no tok'rum,
ɔde me nkwa sie Ne dɔ bun' no ase.
De Ne nsa kata me so hɔ.
De Ne nsa kata me so hɔ.
M'Aw'rade Yesu Yɛ 'Gyenkwa nwanwani,
ɔyɛ 'Gyenkwa nwanwani mam'
ɔde me kra sie botan no tok'ru mu
Nea mihu 'hom'ka nsubɔnten.
**Nnyeso**
ɔde me kra sie botan a ɛkata
'Sase wesee so no tok'rum,
ɔde me nkwa sie Ne dɔ bun' no ase.
De Ne nsa kata me so hɔ.
De Ne nsa kata me so hɔ.
[V2]
M'Aw'rade Yesu yɛ 'Gyenkwa nwanwani,
Oyi m'adesoa nyinaa hɔ;
Okura me mu na merenhinhim da,
ɔma me 'hoɔden sɛ 'dekyee.
M'Aw'rade Yesu yɛ 'Gyenkwa nwanwani,
Oyi m'adesoa nyinaa hɔ;
Okura me mu na merenhinhim da,
ɔma me 'hoɔden sɛ 'dekyee.
[V3]
ɔma nhyira bu so bere biara mu,
Na b'rč a manya Ne s'ro mayɛ
Meto dwom 'nigyem sɛ 'nuonyam nka Nyame,
Gyefo a manya No yi nti.
ɔma nhyira bu so bere biara mu,
Na b'rč a manya Ne s'ro mayɛ
Meto dwom 'nigyem sɛ 'nuonyam nka Nyame,
Gyefo a manya No yi nti.
[V4]
B'rč a mifura Ne hann, na dɛw mu mef'ro
Kohyia No mununkum mu no,
Me ne mpempem bɛbo 'se Ne nkwagye pa
Ne Ne dɔ nwanwaso no ho.
B'rč a mifura Ne hann, na dɛw mu mef'ro
Kohyia No mununkum mu no,
Me ne mpempem bɛbo 'se Ne nkwagye pa
Ne Ne dɔ nwanwaso no ho.