Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #511
Hymn 511 Minnim Nea 'Nti Nyame Ayi
[V1]
Minnim nea 'nti Nyame ayi
Ne dom akyerɛ me,
Nea 'nti me a memfata yi,
Kristo de dɔ gyee me.
**Nnyeso**
Mmom, minim nea magye No adi,
Na m'ani da so sɛ ɔbetumi
De nea mede ahyɛ Ne nsa
Asie 'kosi da no mu.
Minnim nea 'nti Nyame ayi
Ne dom akyerɛ me,
Nea 'nti me a memfata yi,
Kristo de dɔ gyee me.
**Nnyeso**
Mmom, minim nea magye No adi,
Na m'ani da so sɛ ɔbetumi
De nea mede ahyɛ Ne nsa
Asie 'kosi da no mu.
[V2]
Minnim nea 'nti a ɔma me
ɔgye yi ho gyidi,
Ne nea 'nti N'asɛm nom' gyidi
De asomdwoe ma me.
Minnim nea 'nti a ɔma me
ɔgye yi ho gyidi,
Ne nea 'nti N'asɛm nom' gyidi
De asomdwoe ma me.
[V3]
Minnim sɛnea Honhom no ba
Beyi atɛn bɔn' ho,
Fa 'sɛm no so yi Yesu ky'rɛ
De Ne mu gyidi ma.
Minnim sɛnea Honhom no ba
Beyi atɛn bɔn' ho,
Fa 'sɛm no so yi Yesu ky'rɛ
De Ne mu gyidi ma.
[V4]
Minnim dɔn a 'Wura bɛba,
Anadwo annā awia,
'Naasɛ me ne No bɛnantew
Anaa mehyia No wim.
Minnim dɔn a 'Wura bɛba,
Anadwo annā awia,
'Naasɛ me ne No bɛnantew
Anaa mehyia No wim.