Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #506

Hymn 506 Yɛn Nyame Ne Abankɛse

[V1]
Yɛn Nyame ne abankɛse
Kyɛm a enni huammɔ da;
Yɛn boafo a yɛwɔ ne No,
Adasamma nsuy'ri mu,
Yɛn tamfo dedaw no
Hwehwɛ mmusu ara,
N'adwen ne tumi so,
N'abufuw ne nitan,
Obi nsɛ no 'sase so.

[V2]

Yɛn ankasa 'hoɔden mu no,
Yɛn ap'redi bɛyɛ kwa,
Barima pa bi wɔ y'afa
Onyame na ɔpaw No;
Wubisa Onniko
ɔne Kristo Yesu,
Aw'rade Sabaot,
Mfesanten: ɔsankra;
Na etwa sɛ Odi nim.

[V3]

Ahonhom fi hyɛ wiase ma
Repɛ yɛn amene a
Yɛrensuro, Nyame ama
N'asɛm nam yɛn so di nim;
Sum hen' no fa 'bufuw,
Yɛn ho rempo N'anim;
Yebegyina pintinn,
'Fisɛ ne sɛe reba;
Asɛm k'ro beyi n'ahwe.

[V4]

Asɛm a ɛtra 'sase so
Tum' biara no tim hɔ daa;
Honhom ne 'kyɛde no wɔ yɛn,
Nea ɔwɔ y'afa no mu.
Ahode, abusua,
Ne nkwa tiawa yi nkɔ;
Wokum yɛn honam a,
Nyamč asɛm tim hɔ daa,
N'ahenni tim hɔ daapem.

506. Yɛn Nyame Ne Abankɛse

Link copied to clipboard successfully!