Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #507

Hymn 507 Me Ne Yesu Wu, Na Wɔagyem' Atom

[V1]
Me ne Yesu wu, na wɔagyem' atom,
Me ne Yesu tra s'ro nkwa fof'ro mu,
Mehwɛ Yesu kosi 'nuonyam hy'rɛn no
B're biara mu no, O 'W'ra, me wɔ Wo.

**Nnyeso**
B're biara mu no, ɔkōra me Ne dɔm',
B're biara mu no, mewɔ nkwa fi s'ro;
Mehwɛ Yesu kosi 'nuonyam hy'rɛm no,
B're biara mu no, O 'W'ra, mewɔ Wo.

[V3]

Sɔhwɛ biara ntoo yɛn a Onni hɔ',
Adesoa biara nni hɔ a ɔnsoa;
'W'rɛhowdi bi nni hɔ a ɔnka ho,
B're biara mu no, mewɔ Ne banbɔ.

[V4]

Koma yaw ne 'pinisi bi nni hɔ,
Na nusu ne yawdi bi nso nni hɔ;
Mmusu bi nni hɔ a ennu N'anim,
B're biara mu no, ɔdwen Ne de ho.

[V5]

Mmerɛwyɛ bi nni hɔ a ɔnte nka,
Yare bi nni hɔ a ɔntumi nsa;
'W'rɛhow ne dɛw wɔ b're biara mu no,
Yesu m'Agyenkwa no ne me wɔ hɔ.

507. Me Ne Yesu Wu, Na Wɔagyem' Atom

Link copied to clipboard successfully!