Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #505

Hymn 505 Mihia M'adofo Mpaebo No

[V1]
Mihia m'adɔfo mpaebɔ no
Menam ɔbra kwanfo so yi;
Sɛnea mɛyɛ nokwafo pa
Atra ase daa 'ma Yesu.

**Nnyeso**
Mepɛ sɛ me nnamfo bɔ mpae
De soa me kra brɛfo kɔ s'ro
Na wɔsrɛ ma me Nyame hɔ,
Mihia m'adɔfo mpaebɔ no.

[V3]

Mihia m'adɔfo mpaebɔ no
Na aboa me sɔhwɛ b're mu
De me kra brɛfō akɔ Ne nkyɛn
Na Wakora me Ne tumim'.

[V4]

Mepɛ sɛ nnamfo bɔ mpae mam'
De soa me gyidi ntaban so,
Na mafa 'kwan hihiaa no so,
Yɛn Agya 'nuonyam dom no mu.

505. Mihia M'adofo Mpaebo No

Link copied to clipboard successfully!