Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #504

Hymn 504 'W'ra Yesu, Dwen Me Ho

[V1]
'W'ra Yesu, dwen me ho
Na hoh' ro me bɔne,
Gye me fi fam ha akɔnnɔm'
Na ma me mu nyɛ kronn.

[V2]

'W'ra Yesu, dwen me ho,
Hyɛ haw ne mmusu so;
Ma menyɛ W'akoā a Wodɔ no,
Nnya Wo bɔhyɛ home.

[V3]

\"W'ra Yesu, dwen me ho,
Mma memmfi kwan no so;
Sum ne ahohiahia mu no
Kyerɛ me s'ro kwan no.

[V4]

\"W'ra Yesu, dwen me ho,
Sɛnea mɛto dwom s'ro
Ama Agya, Honhom, ne Wo
Ayeyi ne dɔ nnwom.

504. 'W'ra Yesu, Dwen Me Ho

Link copied to clipboard successfully!