Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #436

Hymn 436 Kuro No

[V1]
Kuro no, O kuro no, Adehye 'sase no;
'Desae nni kuro no mu, B're biara yɛ 'dekyee
M'ani 'gyina kuro no, Me koma di yaw ha;
Yawdi bi nni kuro nō a Merebɛn no no mu.
Yawdi bi nni kuro nō a Merebɛn no no mu.

[V2]

M'Aw'rade ne abɔfo Fɛfɛ wɔ kuro nom';
Bɔne bi nni kuro nom', Na sɔhwɛ nso nni hɔ,
Dwom a wɔto kuro nom' Gyigye wɔ m'asomu
Na midwen kuro no hō a, Na m'ani ataa nsu;
Na midwen kuro no hō a, Na m'ani ataa nsu.

[V3]

Wɔn a wɔte kuro nom' Refrɛ me sɛ memmra,
Nea wu anaa 'w'rɛhow bi Nhyɛn wɔn fie kronkron nom'
ɔman pa a ɛwɔ yɛn, S'ro home ne 'somdwoe;
O Kristo, fa yɛn ny'naa bra Wo gye dɔ kuro nom'
O Kristo, fa yɛn ny'naa bra Wo gye dɔ kuro nom'.

436. Kuro No

Link copied to clipboard successfully!