Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #428

Hymn 428 ɔdɛw Nom', Daakye Bi

[V1]
Asase kama be wɔ soro,
Gyidi aniwa na yɛde hu;
Na Agya retwɛn wɔ kwan no so,
Resiesie trabea ama yɛn hɔ.

**Nnyeso**
ɔdɛw nom', daakye bi,
Yebehyiam wɔ mpoano fɛfɛ hɔ;
ɔdɛw nom', daakye bi,
Yebehyiam wɔ mpoano fɛfɛ hɔ.

[V2]

Yebehim nnwom mpoano fɛfɛ hɔ,
'Hyirafo nnwom a ɛyɛ dɛ no;
Na yɛn honhom renni yaw biɔo
Apinisi remfra yɛn homem'.

[V3]

Yɛn soro Agya ɔdɛɛfo no,
Yebeyi No ayɛ daa nyinaa,
Wɔ Ne dɔ akyɛde pa no nti,
Ne nhyira a ɛteɛ yɛn nna ho.

428. ɔdɛw Nom', Daakye Bi

Link copied to clipboard successfully!