Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #429

Hymn 429 Sika Yerusalem a

[V1]
Sika Yerusalem a
Nufusu ne 'wo wom',
Wo ho adwen ma koma
Ne nne my yaw tu y'ra;
Minnim, O minnim 'nigye
Kronkron a ɛwɔ hɔ,
Anuonyam a ɛhy'rɛn ne
'Dɛw a enni nsɛso.

[V2]

Sion adampɔn no mu
'H'rusi dwom ahyɛ ma;
Mogya 'dansefo kuw ne
'Bɔfo dɔm pii hy'rɛn hɔ,
ɔhen' no wɔ wɔn mu daa;
'Dekyee hann no yɛ dwoo,
Anuonyam haban pii wɔ
'Hy'rafon' didibea hɔ.

[V3]

Dawid agua no wɔ hɔ,
Nkonimdifo no nteam
Ne ponton' asefo dwom
No nyinaa hyɛ hɔ ma;
Na wɔn a wɔne wɔn W'ra
Ako adi nim no,
Wɔahyɛ wɔn ntade fitaā a
Wɔrenworɔ bio da.

[V4]

O, ɔdɛw ne hhyira man,
Nyame aponfo fie;
O, ɔdɛw ne nhyira man
A koma p're hwehwɛ
Yesu, fa yɛn bra 'sasč a
Ahome wɔ so no.
Nhyira nka Wo ne Agya
Ne Honhom do daa ny'naa.

429. Sika Yerusalem a

Link copied to clipboard successfully!