Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #351

Hymn 351 Nyame, Wo Nsa Na Aky'rɛ

[V1]
Nyame, Wo nsa na aky'rɛ
Wo nguankuw kwan daa ny'naa;
Wɔaky'rɛw anwanwasɛm no
Ky'rɛw no fa baabiara;
Yɛn agyanom nyaa W'adɔe,
Na yehu wɔn nnwuma;
Edi 'danse: asafo,
Gyidi ne 'W'rade k'ro.

[V2]

W'abɔfo de 'nigyesɛm
Brɛɛ 'kɛse ne nkumaa;
Wɔfrɛɛ nnipa sɛ wɔmmra
ɔhen 'ponto ase;
Eyi ne wɔn nky'rɛky'rɛ ny'naa
Nneyɛe ne kasa mu,
Ky'rɛɛ nnipa sɛ: asafo,
Gyidi ne 'W'rade k'ro.

[V3]

B'rč a na sum kabii red'ru
Nnipa mma ny'naa so no,
Aw'rade somaa Wo nkoa,
Hann mma a Woapaw wɔn,
Wode Wo dom pii no guu
Wɔn ne Wo nk'rɔfo so.
Nea wɔkae ne: asafo,
Gyidi, ne 'W'rade k'ro.

[V4]

W'adɔe renni yɛn huammɔ,
W'adwuma nso renka;
Wo nsa nifa boa yɛn yi,
Nkonim bɛyɛ yɛn de.
Abɔfo ne nnipa ny'naa
Bɛkamfo Wo din no,
Wɔn dwom bɛyɛ: asafo,
Gyidi, ne 'W'rade k'ro.

351. Nyame, Wo Nsa Na Aky'rɛ

Link copied to clipboard successfully!