Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #352
Hymn 352 'Yi Ne Me Pɛ
[V1]
'Yi ne Me pɛ, M'ahyɛde ni;
Sɛ ɔdɔ ntra mo nyinaa mu;
'Yi ne Me pɛ, monnɔ mo ho,
Sɛnea Me nso Madɔ mo no.
'Yi ne Me pɛ, M'ahyɛde ni;
Sɛ ɔdɔ ntra mo nyinaa mu;
'Yi ne Me pɛ, monnɔ mo ho,
Sɛnea Me nso Madɔ mo no.
[V2]
Obi nni ɔdɔ kɛse sei;
Sɛ owu gye ne nnamfonom;
Moyɛ Me nnamfonom ampa
Sɛ mudi nea Mahyɛ mo sō a.
Obi nni ɔdɔ kɛse sei;
Sɛ owu gye ne nnamfonom;
Moyɛ Me nnamfonom ampa
Sɛ mudi nea Mahyɛ mo sō a.
[V3]
Ͻnyɛ mo, Me na Mepaw mo,
Sɛ monkɔso aba bebree;
Mepaw mo sɛ momfa Me so
Nso abá a ɛbɛtra hɔ daa.
Ͻnyɛ mo, Me na Mepaw mo,
Sɛ monkɔso aba bebree;
Mepaw mo sɛ momfa Me so
Nso abá a ɛbɛtra hɔ daa.
[V4]
Nea Mibisa M'Agya biara
Me din no nti mo nsa bɛka
'Yi ne Me pɛ, M'ahyɛde ni:
Sɛ ɔdɔ ntra mo nyinaa mu.
Nea Mibisa M'Agya biara
Me din no nti mo nsa bɛka
'Yi ne Me pɛ, M'ahyɛde ni:
Sɛ ɔdɔ ntra mo nyinaa mu.