Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #346

Hymn 346 'Wura a Woma W'asafo 'Yaresa

[V1]
'Wura a Woma W'asafo 'yaresa
'Kyɛde ne dom a ɛyɛ no fof'ro;
Tie yɛn mpaebɔ ɛnnɛ ne da biara sɛ
YebediW' nokwar sɛnea Wo pɛ te.

[V2]

Asɛnkafo ne 'diyifo de wɔn nne
Ka 'W'rade asɛm no kokod'ru mu,
ɔgye nsɛm a ɛnam Nyame Ba no so;
Nnome dan' nhy'ra, nkrantɛ dan asomdwoe.

[V3]

Ahwɛfo no wɔ nyansa ne 'dwo koma
A wɔde bɔ akra nyinaa ho ban,
'Kwantofo ne 'kyinnyegyefo ahoɔden,
Wɔboa 'hiafo soa wɔn nnesoa ma wɔn.

[V4]

Ma ky'rɛky'rɛfo nnyin nimdeɛ ne boasetɔm',
Wɔnky'rɛ mmofra ne mpanyin nimdeɛ kwan,
Wɔntete wɔn mma ɔsom ne 'dansedi,
Wonkyi nkontompo nnyina mma nokwar'.

[V5]

'Wura, ma yɛn akyɛde a ɛsom bo
Na yɛmfa nhwehwɛ yiedi mma yɛn ho;
Ma W'asafo a ɛwɔ fam ha no nhyɛ
Agya, ɔba ne Honhom no 'nuonyam.

346. 'Wura a Woma W'asafo 'Yaresa

Link copied to clipboard successfully!