Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #326

Hymn 326 Bue M'amiwa Na Ma Minhu

[V1]
Bue m'aniwa na ma minhu
Nokwar' a Wowɔ ma me no.
Fa safoa nwanwa no ma me na
Emmue me, mma me faw'hodi.
Mayɛ komm retwɛn Wo sɛnea
Mehu Wo pɛ no, me Nyame,
Bue m'aniwa, na hy'rɛn me mu,
ɔs'ro Honhom.

[V2]

Bue m'asomu na ma mente
Nokwar' a Wowɔ ma me no;
Na sɛ ɛkasa gu m'asom' a
At'rosɛm ny'naa 'guan afi mu
Mayɛ komm retwɛn Wo sɛnea
Mehu Wo pɛ no, me Nyame;
Bue m'asom', na hyerɛn me mu,
ɔs'ro Honhom.

[V3]

Bue m'ano na memfa 'nigye
Nɔka nokwar' wɔ baabiara;
Bue me koma mu na mensiesie
Me ho ne Wo mma nkyɛ dɔ no.
Mayɛ komm retwɛn Wo sɛnea
Mehu Wo pɛ no, me Nyame
Bue m'anomu, na hy'rɛn me mu,
ɔs'ro Honhom.

326. Bue M'amiwa Na Ma Minhu

Link copied to clipboard successfully!