Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #327

Hymn 327 Mepɛ Yesu Mmom Sen Sika Ne Dwetɛ

[V1]
Mepɛ Yesu mmom sen sėkane dwetɛ;
Mɛyɛ Ne de sen sɛ menya 'hode pii;
Mepɛ Yesu mmom sen adan ne nsase,
Mɛma N'apira nsa adi m'anim.

**Nnyeso**
Sen' sɛ mɛyɛ wiase mu 'hempɔn bi
Na bɔn' afa me dommum;
Mepɛ Yesu mmom sen' ade biará a
Wiase yi de bɛma.

[V3]

Mepɛ Yesu mmom sen onipa nkamfo;
Medi nokwar' ama N'adwuma pa no;
Mepɛ Yesu mmom sen wiase mu din pa,
Medi Ne din kronkron no ho nokwar'.

[V4]

Yesu ho yɛ fɛ sen sukooko biara,
ɔyɛ dɛ sen ɛwo dɛdɛ biara nso;
ɔno na me honhom redi Ne ho kɔm,
Mepɛ Yesu mmom s'Obedi m'anim.

327. Mepɛ Yesu Mmom Sen Sika Ne Dwetɛ

Link copied to clipboard successfully!